Jeremiah 18

Ɔnwemfo No Fi

1Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2“Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” 3Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so. 4Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.

5Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 6“Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi. 7Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a, 8na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio. 9Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ, 10na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.

11“Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’ 12Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’ ”

13Ɛno nti nea Awurade se ni, “Mummisa wɔ amanaman no mu se,
hena na wate biribi sɛɛ pɛn?
Ɔbabun Israel ayɛ
ade bi a ɛyɛ hu yiye.

14 So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no
Lebanon—Ɛyɛ mmepɔw atenten a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne sorokɔ boro anammɔn mpem du.

yera fi nʼabotan a esian no so ana?
So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri
no gyae sen ana?

15 Nanso me nkurɔfo werɛ afi me.
Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw,
a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan so
ne tete atempɔn so.
Wɔma wɔfa kwatikwan
ne akwan a wɔmmɔe so.

16 Wɔn asase bɛda mpan,
na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa;
wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔn
na wobehinhim wɔn ti.

17 Sɛnea apuei mframa te no,
mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim;
mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim
wɔ wɔn amanehunu da no.”

18Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”
19 Yɛ aso ma me, Awurade;
tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!

20 Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana?
Nanso wɔatu amoa ama me.
Kae sɛ migyinaa wʼanim
na mekasa maa wɔn,
sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.

21 Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma;
yi wɔn ma afoa.
Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo;
ma wonkunkum wɔn mmarima,
na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.

22 Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mu
bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim,
efisɛ wɔatu amoa ama me,
na wɔasunsum mʼanan mfiri.

23 Nanso wunim Awurade,
pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me.
Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,
na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so.
Ma wonni nkogu wɔ wʼanim;
na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.
Copyright information for TwiAKNA